Leviticus 3:1-6

Asomdwoe Afɔrebɔ

1“ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara. 2Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho. 3Ɛsɛ sɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma Awurade, 4a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no. 5Na ɛsɛ sɛ Aaron mma hyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

6“ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere.
Copyright information for TwiAKNA